John 8

Ɔbea guamanfo no

1Yesu san kɔɔ Bepɔw a Ngo dua pii wɔ so no so. 2Ade kyee anɔpa no, ɔsan baa asɔrefi. Nnipa bebree baa ne nkyɛn ma ofitii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn. 3Ogu so rekasa no, Yudafo mpanyin ne Farisifo de ɔbea bi a wɔkyeree no sɛ ɔrebɔ aguaman baa nʼanim. 4Wɔka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛkyeree ɔbea yi sɛ ɔrebɔ aguaman, 5nanso Mose mmara hyɛ yɛn sɛ, ɔbea biara a wɔbɛkyere no saa kwan no so no, ɛsɛ sɛ wosiw no abo. Dɛn na woka wɔ ho?”

6Wobisaa no eyi de sum no afiri sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya asɛm bi agyina so atoto nʼano. Nanso Yesu bɔɔ ne mu ase de ne nsateaa kyerɛkyerɛw fam. 7Wogu so rebisabisa no nsɛm no, ɔmaa ne mu so ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo mu biara a ɔnyɛɛ bɔne da no, nni kan ntow ɔbo mmɔ no.”

8Ɔsan bɔɔ ne mu ase kyerɛkyerɛw fam. 9Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, wofitii ase fii hɔ mmaako mmaako fii mpanyin no so. Ɛkaa Yesu ne ɔbea no nko ara.

10Yesu maa ne mu so no, obisaa ɔbea no se, “Nnipa a wɔde wo bae no wɔ he? Wɔn mu baako mpo nni ha a ɔbɛka asɛm bi atia wo?”

11Ɔbea no buaa Yesu se, “Dabi, Owura.” Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɛ saa na ɛte de a, ɛnne me nso minni asɛm biara a mɛka de atia wo. Kɔ, na nkɔyɛ bɔne bio.”

Yesu, wiase hann

12Yesu san toaa ne kasa no so ka kyerɛɛ nnipa no se, “Mene wiase hann no. Obiara a odi mʼakyi no rennantew sum mu da na obenya hann a ɛkyerɛ nnipa kwan ma wɔkɔ nkwa mu.”

13Farisifo no tee asɛm a Yesu kae no, wɔka kyerɛɛ no se, “Asɛm a woreka yi, yɛrennye nto mu, efisɛ, wo ara na woredi wo ho adanse.”

14Yesu nso buaa wɔn se, “Sɛ me ara meredi me ho adanse mpo a, asɛm a meka no yɛ nokware, efisɛ, minim faako a mifi bae ne faako a merekɔ. Na mo de, munnim faako a mifi bae ne faako nso a merekɔ. 15Mo ankasa mode mo adwene na ebu atɛn na me de, mimmu obiara atɛn. 16Nanso sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ mibu atɛn a, mʼatemmu bɛyɛ atɛntrenee, efisɛ, ɛnyɛ me nko na mebu atɛn; Agya a ɔsomaa me no ka me ho. 17Wɔakyerɛw wɔ mo mmara mu se, sɛ adansefo baanu adanse hyia a na ɛkyerɛ sɛ wɔn adanse no yɛ nokware. 18Midi me ho adanse na mʼagya a ɔsomaa me no nso di me ho adanse.”

19Nnipa no bisaa no se, “Ɛhe na wʼagya no wɔ?” Yesu buaa wɔn se, “Munnim me, na munnim mʼagya no nso. Sɛ munim me a, anka mubehu mʼagya no nso.”

20Yesu kaa eyinom nyinaa bere a na ɔrekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan no mu sikakorabea hɔ no. Obiara antumi amfa ne nsa anka no, efisɛ, na ne bere a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnui ɛ.

21Yesu san ka kyerɛɛ wɔn se, “Mefi mo nkyɛn makɔ; mobɛhwehwɛ me, na morenhu me. Na mo de, mubewu wɔ mo bɔne mu. Faako a merekɔ no morentumi mma hɔ bi.”

22Yudafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛhe na ɔrekɔ a ose obi rentumi nkɔ hɔ bi no? Gyama ɔrekɔkum ne ho?”

23Yesu buaa wɔn se, “Mo de, mufi asase so ha, nanso me de, mifi soro na mebae. Mo de, mufi wi yi ase nanso me de, mimfi wi yi ase. 24Ɛno nti na meka kyerɛ mo se mubewu wɔ mo bɔne mu no. Na sɛ moannye anni sɛ, ‘Mene nea Mene’ a, mubewu wɔ mo bɔne mu.”

25Wobisaa no se, “Wo koraa, wone hena?” Yesu buaa wɔn se, “Mene nea daa meka kyerɛ mo se meyɛ no. 26Mewɔ mo ho nsɛm pii a anka mɛka atia mo. Nanso, nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo na asɛm a meka no yɛ nea mate afi ne nkyɛn.” 27Nnipa no ante no ase sɛ nʼagya ho asɛm na ɔreka akyerɛ wɔn no.

28Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ munya ma Onipa Ba no so wɔ asɛnnua no so a, na mubehu sɛ, ‘Mene nea Mene’ no, na afei mubehu bio sɛ mimfi me ara me pɛ mu nyɛ biribiara, na mmom, nea Agya no somaa me sɛ menka no nko ara na meka. 29Nea ɔsomaa me no ka me ho daa. Onnyaw me da, efisɛ, meyɛ nea ɛsɔ nʼani.”

30Nnipa a wɔtee nea Yesu kae no mu dodow no ara gyee no dii.

Yudafo ahohoahoa

31Yesu ka kyerɛɛ Yudafo a wogyee no dii no se, “Sɛ mudi me nsɛm so a, moyɛ mʼasuafo. 32Ɛno ansa na mubehu nokware no na nokware no bɛma mo ade mo ho.”

33Nnipa no buaa no se, “Yɛn de yɛyɛ Abraham asefo a yɛnkɔɔ nkoasom mu da na ɛyɛ dɛn na woka se wobɛma yɛade yɛn ho?”

34Yesu buaa wɔn se, “Mereka nokware akyerɛ mo sɛ obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne akoa. 35Akoa biara nni kyɛfa wɔ abusua mu nanso ɔba de, daa ɔwɔ kyɛfa wɔ abusua mu. 36Ɛno nti, sɛ ɔba no ma mode mo ho a, mobɛde mo ho daa. 37Migye tom sɛ moyɛ Abraham asefo nanso morehwehwɛ me akum me, efisɛ, munni ne nkyerɛkyerɛ so. 38Nea mʼagya ayi akyerɛ me no na meka ho asɛm na mo de, nea mo agya aka akyerɛ mo no na mudi so.”

39Nnipa no kae se, “Yɛn agya ne Abraham.” Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Moyɛ Abraham asefo ampa a, anka ne nnwuma a ɔyɛe no bi pɛpɛɛpɛ na mobɛyɛ. 40Nea mayɛ ne sɛ maka nokware a mete fi Agya no nkyɛn akyerɛ mo nanso mohwehwɛ me akum me. Abraham anyɛ biribi a ɛte sɛ eyi. Moreyɛ nea mo agya yɛe.” 41Nnipa no san kae se, “Onyankopɔn nko ara ne Agya a yɛwɔ na yɛyɛ ne mma ankasa.”

42Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ Onyankopɔn yɛ mo Agya ampa ara a anka mobɛdɔ me, efisɛ, ne nkyɛn na mifi bae na mewɔ ha. Mamfi me pɛ mu na mebae; ɔno na ɔsomaa me. 43Adɛn nti na monte nsɛm a mereka yi ase? Efisɛ, mompɛ sɛ mote ase. 44Mo de, ɔbonsam ne mo agya, na mopɛ sɛ moyɛ nneɛma a ɔyɛ no nso bi. Ɔyɛ owudifo fi mfitiase. Onni nokware da, efisɛ, ɔnyɛ ɔnokwafo. Sɛ odi atoro a, ɛnyɛ nwonwa efisɛ, ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya. 45Nanso me de, esiane sɛ meka nokware nti, na munnye me nni no.

46“Mo mu hena na obetumi aka se midi bɔne bi ho fɔ? Sɛ meka nokware a, adɛn nti na munnye me nni? 47Obiara a ofi Onyankopɔn mu no tie Onyankopɔn asɛm. Na mo de, esiane sɛ mumfi Onyankopɔn mu no nti, na muntie nʼasɛm no.”

Yesu ne Abraham

48Yudafo no bisaa Yesu se, “Sɛ yɛka se woyɛ Samariani a hohommɔne ahyɛ wo ma a, na yɛboa anaa?”

49Yesu buae se, “Minni hohommɔne. Midi mʼagya ni na mo de munni no ni. 50Mempere nhwehwɛ anuonyam mma mʼankasa me ho. Obi wɔ hɔ a ɔhwehwɛ ma me na ɔno nso na odi ma me. 51Meka nokware pefee kyerɛ mo se, obiara a odi mʼasɛm so no renwu da.”

52Yudafo no nso ka kyerɛɛ no se, “Afei na yɛahu ampa ara sɛ wowɔ hohommɔne! Abraham wui. Adiyifo no nso wuwui. Nanso wo de woka se, ‘Obiara a odi mʼasɛm so no renwu da.’ 53Woyɛ kɛse sen yɛn agya Abraham anaa? Owui; saa ara nso na adiyifo no wuwui. Wususuw sɛ woyɛ hena?”

54Yesu buaa wɔn se, “Sɛ mʼankasa mehyɛ me ho anuonyam a, mʼanuonyam no nka hwee. Mʼagya a mo nso moka se ɔyɛ mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔhyɛ me anuonyam. 55Mo de, munnim no nanso me de, minim no. Sɛ meka se minnim no a na meyɛ ɔtorofo sɛ mo ara. Minim no na midi nʼasɛm nso so. 56Mo agya Abraham ani gyei sɛ obehu me ba a mɛba no. Ohui na nʼani gyei.”

57Yudafo no nso bisaa no se, “Wunnii mfe aduonum koraa na ɛyɛɛ dɛn na wuhuu Abraham?”

58Yesu buae se, “Mereka nokware pefee akyerɛ mo se, ansa na wɔrebɛwo Abraham no, na mete ase.”

59Yudafo no tasee abo sɛ anka wɔde rebesiw no, nanso Yesu kohintawee. Eyi akyi no, ofii asɔredan no mu hɔ kɔe.

Copyright information for TwiNAK